3 John

1Me, Ɔpanyin, mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.

2Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. 3Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kita nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye. 4Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ metee sɛ me mma no te nokware mu.

5Mʼadamfo pa, wudi nokware yiye wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔho mpo. 6Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ ha no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. 7Efisɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Kristo din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ gyidifo no nkyɛn.

8Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.

Diotrefe

9Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no rentie nea meka no. 10Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom no ba a, ɔrennye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ogye wɔn no nso, ɔbɛma no agyae na wabɔ mmɔden apam wɔn afi asafo no mu.

11Mʼadamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn.

12Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa na munim sɛ nea yɛka no yɛ nokware.

Nkyia a etwa to

13Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka. 14Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa.

15Asomdwoe nka mo. Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.

Copyright information for TwiNAK